Deuteronomium 24:19 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 19 “Sɛ wutwa w’afuw mu nnɔbae na wo werɛ fi nnɔbae a wɔakyekyere no bi a, nsan nkɔfa. Gyaw ma ɔhɔho a wabɛsoɛ mo mu, agyanka, ne okunafo,+ sɛnea ɛbɛyɛ a Yehowa wo Nyankopɔn behyira nea woyɛ nyinaa so.+ Dwom 145:15 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 15 Wo na obiara ani da wo so,Na woma wɔn aduan bere a ɛsɛ mu.+ Mmebusɛm 10:3 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 3 Yehowa remma ɔkɔm nne ɔtreneeni,*+Na ɔbɔnefo de, nea ne kɔn dɔ no, ɔremma ne nsa nka.
19 “Sɛ wutwa w’afuw mu nnɔbae na wo werɛ fi nnɔbae a wɔakyekyere no bi a, nsan nkɔfa. Gyaw ma ɔhɔho a wabɛsoɛ mo mu, agyanka, ne okunafo,+ sɛnea ɛbɛyɛ a Yehowa wo Nyankopɔn behyira nea woyɛ nyinaa so.+