Dwom 40:11 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 11 O Yehowa, mfa wo mmɔborɔhunu nkame me. Ma wo dɔ a enni huammɔ ne wo nokwaredi mmɔ me ho ban daa.+ Mmebusɛm 6:23 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 23 Efisɛ mmara nsɛm no yɛ kanea,+Na mmara no yɛ hann,+Na nteɛso a animka de ba no yɛ nkwa kwan.+