-
Yosua 7:24, 25Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
24 Afei Yosua ne Israelfo nyinaa de Sera ba Akan+ ne dwetɛ ne ataade ne sika kɔkɔɔ+ no ne ne mma mmarima ne ne mma mmea ne n’anantwi ne ne mfurum ne ne nguan ne ne ntamadan ne biribiara a ɔwɔ kɔɔ Akor Bon mu.*+ 25 Ɛnna Yosua kae sɛ: “Adɛn nti na wode mmusu* aba yɛn so yi?+ Yehowa de mmusu bɛba wo so nnɛ.” Ɔkaa saa no, Israelfo nyinaa siw no abo,+ na wowiei no, wɔde ogya hyew wɔn.+ Enti wosiw wɔn nyinaa abo.
-
-
Ester 9:24, 25Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
24 Nea enti a ɛte saa ne sɛ, na Agagni+ Hamedata ba Haman,+ Yudafo nyinaa tamfo no abɔ pɔw sɛ ɔbɛsɛe Yudafo no,+ na na wabɔ Pur+ anaa Ntonto sɛ wɔbɛma wɔn ani so atan wɔn na wasɛe wɔn. 25 Nanso bere a Ester kɔɔ ɔhene anim no, ɔhene ma wɔkyerɛw mmara sɛ:+ “Ma ɛpɔw a wabɔ sɛ ɔbɛsɛe Yudafo no+ mmɔ ɔno ara ne ti so.” Na wɔsɛn Haman ne ne mma wɔ dua so.+
-