-
1 Samuel 2:22-25Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
22 Ná Eli abɔ akwakoraa posoposo, nanso nea na ne mma mmarima no de yɛ Israelfo nyinaa no, na wate ho asɛm.+ Afei nso, na wate sɛ mmea a wɔsom wɔ ahyiae ntamadan no ano no, ne mma no ne wɔn da.+ 23 Nea na daa ɔka kyerɛ wɔn ne sɛ: “Adɛn nti na moyɛ saa? Mo ho nsɛm a mete fi ɔmanfo no nyinaa hɔ nye. 24 Daabi, me mma, mo ho nsɛm a meretete wɔ Yehowa man mu no nye. 25 Sɛ onipa yɛ ne yɔnko nipa bɔne a, obi betumi asrɛ Yehowa ama no, nanso sɛ onipa yɛ Yehowa bɔne+ a, hena na obetumi abɔ mpae ama no?” Ne nyinaa akyi no, wɔantie wɔn papa, efisɛ na Yehowa ayɛ n’adwene sɛ obekunkum wɔn.+
-