3 Ɛnna ɔhene bisaa no sɛ: “Wo wura ba no wɔ he?”+ Na Siba ka kyerɛɛ ɔhene sɛ: “Ɔte Yerusalem reka sɛ, ‘Ɛnnɛ Israel fi bɛsan adan me papa ahenni ama me.’”+ 4 Ɛnna ɔhene ka kyerɛɛ Siba sɛ: “Hwɛ! Nea Mefiboset wɔ nyinaa yɛ wo dea.”+ Siba nso kae sɛ: “Mekotow wo. Me wura ɔhene, ma minnya w’anim dom.”+