1 Samuel 19:2 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 2 Ná Saul ba Yonatan pɛ Dawid asɛm paa,+ enti Yonatan ka kyerɛɛ Dawid sɛ: “Me papa Saul pɛ sɛ okum wo. Mesrɛ wo, ɔkyena anɔpa hwɛ wo ho yiye, na kɔpɛ baabi hintaw, na nyi wo ho adi. 1 Samuel 19:4 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 4 Enti Yonatan kaa Dawid ho asɛmpa+ kyerɛɛ ne papa Saul sɛ: “Mma ɔhene nnyɛ n’akoa Dawid bɔne, efisɛ ɔnyɛɛ wo bɔne, na wayɛ nneɛma pa pii ama wo. Mmebusɛm 17:17 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 17 Ɔyɔnko berɛbo de, ɔkyerɛ ne dɔ bere nyinaa,+Na ɔyɛ onua a wɔwoo no maa amanehunu bere.*+
2 Ná Saul ba Yonatan pɛ Dawid asɛm paa,+ enti Yonatan ka kyerɛɛ Dawid sɛ: “Me papa Saul pɛ sɛ okum wo. Mesrɛ wo, ɔkyena anɔpa hwɛ wo ho yiye, na kɔpɛ baabi hintaw, na nyi wo ho adi.
4 Enti Yonatan kaa Dawid ho asɛmpa+ kyerɛɛ ne papa Saul sɛ: “Mma ɔhene nnyɛ n’akoa Dawid bɔne, efisɛ ɔnyɛɛ wo bɔne, na wayɛ nneɛma pa pii ama wo.