Yosua 1:7 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 7 “Nea ehia ara ne sɛ wubenya akokoduru na woama wo ho ayɛ den paa, na woahwɛ adi Mmara a m’akoa Mose de maa wo no nyinaa so pɛpɛɛpɛ. Mman mfi ho nkɔ nifa anaa benkum;+ ɛno bɛma woayɛ w’ade nyansam baabi a wobɛkɔ biara.+ Dwom 25:9 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 9 Ɔbɛma ahobrɛasefo ahu trenee kwan,*+Na wakyerɛkyerɛ ahobrɛasefo ne kwan.+ Yakobo 1:5 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 5 Enti sɛ mo mu bi hia nyansa a, ma ɔnkɔ so mmisa Onyankopɔn,+ na ɔde bɛma no,+ efisɛ oyi ne yam kyɛ nnipa nyinaa ade a animtiaabu* biara nnim.+
7 “Nea ehia ara ne sɛ wubenya akokoduru na woama wo ho ayɛ den paa, na woahwɛ adi Mmara a m’akoa Mose de maa wo no nyinaa so pɛpɛɛpɛ. Mman mfi ho nkɔ nifa anaa benkum;+ ɛno bɛma woayɛ w’ade nyansam baabi a wobɛkɔ biara.+
5 Enti sɛ mo mu bi hia nyansa a, ma ɔnkɔ so mmisa Onyankopɔn,+ na ɔde bɛma no,+ efisɛ oyi ne yam kyɛ nnipa nyinaa ade a animtiaabu* biara nnim.+