6 Ɔka kyerɛɛ ne mmarima no sɛ: “Ɛmpare me sɛ megyina Yehowa anim ayɛ ade a ɛte saa atia me wura a Yehowa asra no na mateɛ me nsa aka no, efisɛ Yehowa asra no.”+ 7 Dawid nsɛm yi nti, ne mmarima no twe sanee; wamma wɔamfa wɔn nsa anka Saul. Saul de, ɔsɔre fii ɔbodan no mu kɔɔ ne kwan.