2 Beresosɛm 6:36 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 36 “Sɛ wɔyɛ bɔne tia wo (bɔne nso de, onipa biara nni hɔ a ɔnyɛ bi),+ na sɛ wo bo fuw wɔn na wode wɔn hyɛ wɔn atamfo nsa ma atamfo no kyere wɔn kɔ asaase a ɛwɔ akyirikyiri anaa nea ɛbɛn so,+ Dwom 51:5 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 5 Hwɛ! Wɔwoo me no, na bɔne wɔ me ho,Na bɔne mu na me maame nyinsɛn me.*+ Romafo 3:23 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 23 Wɔn nyinaa ayɛ bɔne, na wontumi nna Onyankopɔn anuonyam adi,+ 1 Yohane 1:8 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 8 Sɛ yɛka sɛ, “Bɔne nni yɛn ho” a, na yɛredaadaa yɛn ho,+ na nokware no nni yɛn mu.
36 “Sɛ wɔyɛ bɔne tia wo (bɔne nso de, onipa biara nni hɔ a ɔnyɛ bi),+ na sɛ wo bo fuw wɔn na wode wɔn hyɛ wɔn atamfo nsa ma atamfo no kyere wɔn kɔ asaase a ɛwɔ akyirikyiri anaa nea ɛbɛn so,+