-
Solomon Dwom 4:1-3Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
4 “Hwɛ, me komam hemmaa, wo ho yɛ fɛ!
Mise, ahoɔfɛ aguare wo!
W’ani te sɛ aburuburuw ani wɔ wo nkataanim mu.
Wo nwi yɛ fɛ te sɛ mpɔnkye a wɔabom yuu
A wɔresian Gilead mmepɔw.+
2 Wo se yɛ fɛ te sɛ nguankuw a wɔatwitwa wɔn ho nwi foforo
A wɔaguare wɔn seesei ara,
Nguan a wɔn nyinaa awowo nta
A obiara ba nwui.
3 W’ano yɛ fɛ te sɛ hama kɔkɔɔ,
Na w’anom kasa yɛ dɛ.
-