-
Yeremia 33:25, 26Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
25 “Nea Yehowa aka ni: ‘Sɛnea m’apam a ɛfa adekyee ne adesae ho rentwam,+ na me mmara* a ɛfa ɔsoro ne asaase ho nso rentwam no,+ 26 saa ara na merempo Yakob ne m’akoa Dawid asefo* da. Na sɛnea ɛte biara, mɛfa n’asefo* ama wɔadi Abraham ne Isak ne Yakob asefo* so. Efisɛ mɛboaboa wɔn nkurɔfo a wɔakyere wɔn kɔ no ano,+ na mehu wɔn mmɔbɔ.’”+
-