1 Ahene 21:13 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 13 Mmarima ahuhufo baanu bɛtenaa n’anim, na wodii adanse tiaa no wɔ nnipa no anim sɛ: “Nabot adome Onyankopɔn ne ɔhene!”+ Afei wɔde no kɔɔ kurow no abɔnten, na wokosiw no abo kum no.+ Mmebusɛm 17:15 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 15 Obiara a obu ɔbɔnefo bem ne obiara a obu ɔtreneeni fɔ no,+Wɔn nyinaa yɛ Yehowa akyiwade.
13 Mmarima ahuhufo baanu bɛtenaa n’anim, na wodii adanse tiaa no wɔ nnipa no anim sɛ: “Nabot adome Onyankopɔn ne ɔhene!”+ Afei wɔde no kɔɔ kurow no abɔnten, na wokosiw no abo kum no.+