21 Na wobɛka wɔ wo komam sɛ,
‘Hena na ɔwoo eyinom maa me?
Efisɛ meyɛ ɔbea a mahwere me mma na meyɛ obonin,
Na wotuu me fii m’asaase so kɔe, na mekɔyɛɛ ɔdeduani.
Hena na ɔtetee eyinom?+
Hwɛ! Ɛkaa me nko ara,+
Enti eyinom fi he?’”+
22 Nea Awurade Tumfo Yehowa aka ni:
“Hwɛ! Mɛma me nsa so akyerɛ amanaman,
Na mɛma m’ahyɛnsode so akyerɛ aman.+
Wobeturu wo mma mmarima wɔ wɔn kokom.
Na wɔde wo mma mmea asi akɔnkɔn aba.+