Yesaia 2:4 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 4 Obebu atɛn wɔ amanaman no mu,Na obesiesie nsɛm ama aman pii. Wɔde wɔn mfoa* bɛyɛ nsɔw,Na wɔde wɔn mpeaw ayɛ kantankrankyi.*+ Ɔman bi rentwe sekan wɔ ɔman bi so,Na wɔrensua akodi bio.+ Yesaia 11:9 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 9 Wɔrenyɛ bɔne+Na wɔrensɛe ade bio wɔ me bepɔw kronkron no nyinaa so,+Efisɛ Yehowa ho nimdeɛ bɛyɛ asaase so ma Sɛnea nsu kata po so no.+ Yesaia 54:14 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 14 W’ase betim wɔ trenee mu.+ Wo ne nhyɛso ntam bɛware,+Worensuro hwee, na biribiara remmɔ wo hu,Efisɛ ɛremmɛn wo.+ Sakaria 9:8 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 8 Mɛyɛ me ho ɔwɛmfo* na mabɔ me fi ho ban;+Obiara rentwam mfa hɔ, na obiara remfi hɔ mma.Na nhyɛsofo biara remfa hɔ bio,+Efisɛ seesei me ara mede m’ani ahu.*
4 Obebu atɛn wɔ amanaman no mu,Na obesiesie nsɛm ama aman pii. Wɔde wɔn mfoa* bɛyɛ nsɔw,Na wɔde wɔn mpeaw ayɛ kantankrankyi.*+ Ɔman bi rentwe sekan wɔ ɔman bi so,Na wɔrensua akodi bio.+
9 Wɔrenyɛ bɔne+Na wɔrensɛe ade bio wɔ me bepɔw kronkron no nyinaa so,+Efisɛ Yehowa ho nimdeɛ bɛyɛ asaase so ma Sɛnea nsu kata po so no.+
14 W’ase betim wɔ trenee mu.+ Wo ne nhyɛso ntam bɛware,+Worensuro hwee, na biribiara remmɔ wo hu,Efisɛ ɛremmɛn wo.+
8 Mɛyɛ me ho ɔwɛmfo* na mabɔ me fi ho ban;+Obiara rentwam mfa hɔ, na obiara remfi hɔ mma.Na nhyɛsofo biara remfa hɔ bio,+Efisɛ seesei me ara mede m’ani ahu.*