Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Luka 4:17-21
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 17 Enti wɔde odiyifo Yesaia nhoma mmobɔwee no maa no, na obuee nhoma mmobɔwee no mu, na ohuu baabi a wɔakyerɛw sɛ: 18 “Yehowa* honhom wɔ me so, efisɛ wasra me sɛ memmɛka asɛmpa nkyerɛ ahiafo. Wasoma me sɛ memmɛka ogye ho asɛm nkyerɛ wɔn a wɔakyere wɔn, na memma anifuraefo nhu ade, na memma wɔn a wɔabubu mfa wɔn ho nni,+ 19 na menka Yehowa* adom bere* nkyerɛ nkurɔfo.”+ 20 Na ɔbobɔw nhoma mmobɔwee no, na ɔsan de maa ɔsomfo no, na ɔtenaa ase. Na wɔn a wɔwɔ hyiadan no mu nyinaa de wɔn ani hwɛɛ no dinn. 21 Ɛnna ofii ase ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Ɛnnɛ na kyerɛwsɛm yi a motee no seesei ara no aba mu.”+

  • Luka 7:22
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 22 Enti ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monkɔ na monkɔka nea moahu na moate yi nkyerɛ Yohane sɛ: Seesei anifuraefo hu ade,+ mmubuafo nantew, akwatafo nya ayaresa,* wɔn a wɔn aso asiw te asɛm,+ wonyan awufo, na wɔka asɛmpa no kyerɛ ahiafo.+

  • Asomafo Nnwuma 26:17, 18
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 17 Na megye wo afi ɔman yi ne amanaman no nsam. Wɔn na meresoma wo akɔ wɔn nkyɛn,+ 18 sɛnea ɛbɛyɛ a wubebue wɔn ani,+ na woadan wɔn afi sum+ mu aba hann+ mu, na wɔafi Satan tumi ase+ aba Onyankopɔn nkyɛn, na ama wɔanya bɔnefakyɛ,+ na wɔanya agyapade wɔ wɔn a wɔanya me mu gyidi ama wɔn ho atew no mu.’

Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena