Asomafo Nnwuma 7:51 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 51 “Nnipa a moasen mo kɔn* a mo koma ne mo aso awu,* daa moko tia honhom kronkron no. Sɛnea mo agyanom yɛe no, saa ara na moyɛ.+ Efesofo 4:30 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 30 Bio nso, monnhow Onyankopɔn honhom kronkron no werɛ;+ ɛno na wɔde ahyɛ mo nsow+ ama da a wɔnam agyede so begye mo no.+
51 “Nnipa a moasen mo kɔn* a mo koma ne mo aso awu,* daa moko tia honhom kronkron no. Sɛnea mo agyanom yɛe no, saa ara na moyɛ.+
30 Bio nso, monnhow Onyankopɔn honhom kronkron no werɛ;+ ɛno na wɔde ahyɛ mo nsow+ ama da a wɔnam agyede so begye mo no.+