21 Afei Mose de ne poma no kyerɛɛ ɛpo no so+ na Yehowa maa apuei mframa dennen bɔe anadwo no nyinaa, na epiaa nsu no kɔɔ akyi maa ɛpo no ase dan asaase kesee.+ Na nsu no mu paee abien.+ 22 Enti Israelfo no faa asaase a awo no so wɔ ɛpo no mfinimfini,+ na nsu no yɛɛ ɔfasu wɔ wɔn nifa ne wɔn benkum.+