-
Yesaia 56:6, 7Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
6 Na ahɔho a wɔaba Yehowa nkyɛn sɛ wɔrebɛsom no
Na wɔadɔ Yehowa din,+
Na wɔayɛ n’asomfo,
Wɔn a wodi Homeda a wongu ho fĩ
Na wokura m’apam mu denneennen nyinaa no,
7 Me nso mede wɔn bɛba me bepɔw kronkron no so+
Na mama wɔadi ahurusi wɔ me mpaebɔ fi.
Wɔn hyew afɔre ne wɔn afɔre ahorow nyinaa, wobegye wɔ m’afɔremuka so.
Na wɔbɛfrɛ me fi mpaebɔ fi ama aman nyinaa.”+
-
-
Sakaria 8:22, 23Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
22 Na aman pii ne aman akɛse bɛba abɛhwehwɛ asafo Yehowa akyi kwan wɔ Yerusalem,+ na wɔbɛkotow asrɛ Yehowa sɛ onhu wɔn mmɔbɔ.’
23 “Nea asafo Yehowa aka ni, ‘Saa bere no, nnipa du a wɔka amanaman no kasa horow nyinaa+ besuso Yudani* baako ataade* mu, yiw, wobesuso mu denneennen aka sɛ: “Yɛpɛ sɛ yɛne mo kɔ,+ efisɛ yɛate sɛ Onyankopɔn ka mo ho.”’”+
-