2 Ahene 16:8, 9 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 8 Ɛnna Ahas sesaw dwetɛ ne sika kɔkɔɔ a ɛwɔ Yehowa fi ne ahemfi* akorae no, na ɔde kotuaa adanmude* maa Asiria hene.+ 9 Na Asiria hene tiee no, na ɔkɔɔ Damasko kɔko fae; ɔkyeree emu nnipa kɔɔ Kir,+ na okum Resin.+ Yesaia 8:4 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 4 na ansa na abofra no betumi aka ‘Me papa!’ ne ‘Me maame!’ no, na wɔasoa Damasko ahode ne nneɛma a Samaria nyae wɔ ɔko mu kɔ Asiria hene anim.”+ Amos 1:5 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 5 Mebubu nnade a egu Damasko apon akyi;+Mɛsɛe wɔn a wɔtete Bikat-Awen,Ne nea odi hene* wɔ Bet-Eden no.Na wobetu Siriafo ase akɔ Kir,”+ Yehowa asɛm ni.’
8 Ɛnna Ahas sesaw dwetɛ ne sika kɔkɔɔ a ɛwɔ Yehowa fi ne ahemfi* akorae no, na ɔde kotuaa adanmude* maa Asiria hene.+ 9 Na Asiria hene tiee no, na ɔkɔɔ Damasko kɔko fae; ɔkyeree emu nnipa kɔɔ Kir,+ na okum Resin.+
4 na ansa na abofra no betumi aka ‘Me papa!’ ne ‘Me maame!’ no, na wɔasoa Damasko ahode ne nneɛma a Samaria nyae wɔ ɔko mu kɔ Asiria hene anim.”+
5 Mebubu nnade a egu Damasko apon akyi;+Mɛsɛe wɔn a wɔtete Bikat-Awen,Ne nea odi hene* wɔ Bet-Eden no.Na wobetu Siriafo ase akɔ Kir,”+ Yehowa asɛm ni.’