-
Yesaia 28:1, 2Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
28 Due! Efraim asabofo ahenkyɛw* kɛse,*+
N’anuonyam fɛfɛɛfɛ a ɛte sɛ nhwiren bi a ɛretwintwam
A wɔde abɔ kurow a ɛda asaase pa subon no atifi, baabi a wɔn a nsã* de wɔn ayɛ nkoa no te no!
2 Hwɛ! Yehowa wɔ ɔhoɔdenfo bi a ɔyɛ ɔkatakyi.
Na ɔbɛtow ato fam ahoɔden so
Te sɛ asukɔtweaa a ɛretɔ a aprannaa nam mu, te sɛ mframa gyampantrudu a ɛsɛe ade,
Te sɛ nsu a ɛretɔ denneennen a aprannaa nam mu a ayiri rebu fa so.
-