Dwom 20:5 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 5 Gye a woagye yɛn nti, yebedi ahurusi,+Na yɛn Nyankopɔn din mu na yɛbɛmoma yɛn frankaa so.+ Ma Yehowa nyɛ w’abisade nyinaa mma wo. Sefania 3:14, 15 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 14 O Sion babea, di ahurusi! O Israel, bɔ ose!+ O Yerusalem babea, ma w’ani nnye na fi wo koma mu nyinaa di ahurusi!+ 15 Yehowa ayi atemmu a etia wo no afi hɔ.+ Wama wo tamfo asan n’akyi.+ Israel hene Yehowa ka wo ho.+ Worensuro amanehunu biara bio.+
5 Gye a woagye yɛn nti, yebedi ahurusi,+Na yɛn Nyankopɔn din mu na yɛbɛmoma yɛn frankaa so.+ Ma Yehowa nyɛ w’abisade nyinaa mma wo.
14 O Sion babea, di ahurusi! O Israel, bɔ ose!+ O Yerusalem babea, ma w’ani nnye na fi wo koma mu nyinaa di ahurusi!+ 15 Yehowa ayi atemmu a etia wo no afi hɔ.+ Wama wo tamfo asan n’akyi.+ Israel hene Yehowa ka wo ho.+ Worensuro amanehunu biara bio.+