-
Yosua 1:7, 8Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
7 “Nea ehia ara ne sɛ wubenya akokoduru na woama wo ho ayɛ den paa, na woahwɛ adi Mmara a m’akoa Mose de maa wo no nyinaa so pɛpɛɛpɛ. Mman mfi ho nkɔ nifa anaa benkum;+ ɛno bɛma woayɛ w’ade nyansam baabi a wobɛkɔ biara.+ 8 Mma Mmara nhoma yi mmfi w’anom,+ na mmom kenkan na dwinnwen ho* awia ne anadwo na woadi nea wɔakyerɛw wom nyinaa so pɛpɛɛpɛ.+ Woyɛ saa a, ebesi wo yiye na woayɛ w’ade nyansam.+
-