Hosea 14:8 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 8 Efraim bɛka sɛ, ‘Dɛn bio na me ne ahoni wɔ yɛ?’+ Mɛma mmuae, na mahwɛ no so.+ Mɛyɛ sɛ ɔpopaw dua frɔmfrɔm. Me so na wubenya w’aba.” Sakaria 13:2 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 2 “Saa da no,” asafo Yehowa asɛm ni, “mɛpopa ahoni din afi asaase no so,+ na obiara renkae wɔn bio. Na meyi adiyifo ne honhom fĩ nyinaa afi asaase no so.+
8 Efraim bɛka sɛ, ‘Dɛn bio na me ne ahoni wɔ yɛ?’+ Mɛma mmuae, na mahwɛ no so.+ Mɛyɛ sɛ ɔpopaw dua frɔmfrɔm. Me so na wubenya w’aba.”
2 “Saa da no,” asafo Yehowa asɛm ni, “mɛpopa ahoni din afi asaase no so,+ na obiara renkae wɔn bio. Na meyi adiyifo ne honhom fĩ nyinaa afi asaase no so.+