66 Wɔde wo nkwa begoru atɔprɛ, na anadwo oo, awia oo, ehu bɛka wo, na worentumi nhu sɛ ade bɛkye wo anaa ɛrenkye wo. 67 Ade kye anɔpa a, wobɛka sɛ, ‘Minyae a, anka ɛyɛ anwummere!’ na edu anwummere nso a, wobɛka sɛ, ‘Minyae a, anka ɛyɛ anɔpa!’ efisɛ wo koma betu, na nea w’ani behu nso bɛma woabɔ hu.