-
Adiyisɛm 22:1, 2Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
22 Na ɔkyerɛɛ* me nkwa nsu asubɔnten+ bi a ani tew te sɛ ahwehwɛbo. Ná ɛretene fi Onyankopɔn ne Oguammaa+ no ahengua no mu; 2 ɛtene fa kurow no kwantempɔn mfinimfini. Ná nkwa nnua sisi asubɔnten no afanu nyinaa, a ɛsow aba mpɛn 12 afe biara; bosome biara, ɛsow. Nnua no nhaban na wɔde sa amanaman no yare.+
-