27 Yehowa kae sɛ: “Yuda nso mɛtow no afi m’anim akyene+ sɛnea metow Israel kyenee no;+ Yerusalem kurow a mapaw yi, ne ofi a mekaa ho asɛm sɛ, ‘Me din bɛkɔ so atena hɔ’+ no, mɛtow akyene.”
3 Ɛyɛ Yehowa asɛm a ɔkae no na ampa ara ɛbaa mu wɔ Yuda so. Ɔkae sɛ ɔbɛtow wɔn afi n’anim akyene+ esiane bɔne a Manase yɛe nyinaa+4 ne mogya a edi bem a ohwie gui nti,+ efisɛ ɔde mogya a edi bem hyɛɛ Yerusalem ma. Ɛno nti Yehowa ampɛ sɛ ɔde bɔne no bɛkyɛ.+