-
Yosua 23:15, 16Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
15 Na sɛnea nneɛma pa a Yehowa mo Nyankopɔn de ahyɛ mo bɔ no nyinaa aba mu no,+ saa ara na Yehowa de nnome a ɔkae sɛ ɔde bɛba mo so no nyinaa bɛba akosi sɛ ɔbɛtɔre mo ase afi asaase pa a Yehowa mo Nyankopɔn de ama mo yi so.+ 16 Sɛ mubu Yehowa mo Nyankopɔn apam a ɔde ama mo sɛ munni so no so, na mokɔsom anyame foforo na mokotow wɔn a, Yehowa abufuhyew bɛba mo so,+ na ɛrenni da bi na mo ase ahyew koraa afi asaase pa a ɔde ama mo yi so.”+
-