-
Yeremia 21:8-10Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
8 “Na nkurɔfo yi de, ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Nea Yehowa aka ni: “Hwɛ, mede nkwa kwan ne owu kwan resi mo anim. 9 Wɔn a wɔbɛtena kurow yi mu no, sekan ne ɔkɔm ne owuyare na ebekunkum wɔn. Na obiara a obepue de ne ho akɔma Kaldeafo a wɔaka mo ahyɛ mo kurow no mu no renwu, na obenya ne nkwa* sɛ asade.”’*+
10 “‘“Mede m’ani asi kurow yi so; ɛnyɛ adepa na mede bɛba so, na mmom mmusu,”+ Yehowa asɛm ni. “Wɔde bɛhyɛ Babilon hene nsa,+ na ɔde ogya ahyew.”+
-