21 Enti Ɔhene Sedekia kae sɛ wɔmfa Yeremia nkɔto afiase wɔ Awɛmfo Aban no mu.+ Na wɔmaa no paanoo nkuruwankuruwa a efi paanootofo borɔn so daa+ kosii sɛ kurow no mu paanoo nyinaa sae.+ Na Yeremia kɔɔ so tenaa Awɛmfo Aban no mu hɔ.
13 Enti awɛmfo so panyin Nebusaradan ne Nebusasban a ɔyɛ Rabsaris,* ne Nergal-Sareser a ɔyɛ Rabmag* ne Babilon hene atitiriw nyinaa soma 14 ma wɔkɔfaa Yeremia fii Awɛmfo Aban no mu hɔ+ na wɔde no maa Safan+ ba Ahikam+ ba Gedalia+ sɛ ɔmfa no nkɔ ne fi. Enti ɔtenaa nkurɔfo no mu.