-
Yeremia 21:7Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
7 “‘“Ɛno akyi no,” Yehowa asɛm ni, “Yuda hene Sedekia, ne ne nkoa, ne ɔmanfo no, ne kurow yi mu nnipa a nsanyare a edi awu ne sekan ne ɔkɔm no ankunkum wɔn no, mede wɔn bɛhyɛ Babilon hene Nebukadnesar* nsa,+ ne wɔn atamfo, ne wɔn a wɔpɛ sɛ wokunkum wɔn* no nsa. Ɔde sekan bekunkum wɔn. Wɔn asɛm renyɛ no awerɛhow, ne yam renhyehye no mma wɔn, na ɔrenhu wɔn mmɔbɔ nso.”’+
-
-
Yeremia 25:9Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
9 meresoma ama wɔakɔfa atifi fam mmusua nyinaa aba,”+ Yehowa asɛm ni, “na mɛma Babilon hene Nebukadnesar,* m’akoa no nso aba.+ Mɛma wɔaba asaase yi+ ne emu nnipa ne aman a atwa ho ahyia no nyinaa so.+ Mɛsɛe wɔn na mama wɔadan biribi a ɛyɛ hu ne biribi a nkurɔfo bɛtɛɛ wɔn anom ahwɛ,* na ɛbɛyɛ amamfo afebɔɔ.
-