16 Monka ho asɛm, yiw, monka ho asɛm nkyerɛ amanaman;
Mommɔ no dawuru nkyerɛ Yerusalem.”
“Atɛwfo fi akyirikyiri asaase bi so reba,
Na wɔbɛma wɔn nne so atia Yuda nkurow.
17 Wofi afã ne afã nyinaa ba no so te sɛ awɛmfo a wɔwɛn afuw,+
Efisɛ watew me so atua,”+ Yehowa asɛm ni.