22 Yosia+ bedii hene no, na wadi mfe awotwe, na odii ade mfe 31 wɔ Yerusalem.+ Ne maame din de Yedida, na na ɔyɛ Adaia a ofi Boskat+ no ba. 2 Ɔhene no yɛɛ nea ɛteɛ wɔ Yehowa ani so, na nea ne nana Dawid yɛe no,+ ɛno ara bi na ɔno nso yɛe; wamman ankɔ nifa anaa benkum.