Deuteronomium 28:30 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 30 Wode w’ano bɛto ɔbea so sɛ wobɛware no, nanso ɔbarima foforo bɛto no mmonnaa. Wubesi dan, nanso worentena mu.+ Wobɛyɛ bobefuw,* nanso worentew aba wɔ so.+ Yeremia 8:10 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 10 Ɛno nti, mede wɔn yerenom bɛma mmarima foforo,Na mede wɔn nsaase bɛma nkurɔfo;+Efisɛ efi akumaa so kosi ɔkɛse so, obiara pɛ mfaso bɔne;+Efi odiyifo so kosi ɔsɔfo so, wɔn nyinaa bu nkurɔfo fa so.+ Kwadwom 5:11 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 11 Wɔabrɛ Sion mmea ase,* Yuda nkurow mu mmaabun no.+ Sefania 1:13 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 13 Nkurɔfo bɛfom wɔn ahonyade, na wɔn afi bɛsɛe pasaa.+ Wobesisi adan, nanso wɔrentena mu;Wɔbɛyeyɛ bobe mfuw,* nanso wɔrennya emu nsã nnom.+
30 Wode w’ano bɛto ɔbea so sɛ wobɛware no, nanso ɔbarima foforo bɛto no mmonnaa. Wubesi dan, nanso worentena mu.+ Wobɛyɛ bobefuw,* nanso worentew aba wɔ so.+
10 Ɛno nti, mede wɔn yerenom bɛma mmarima foforo,Na mede wɔn nsaase bɛma nkurɔfo;+Efisɛ efi akumaa so kosi ɔkɛse so, obiara pɛ mfaso bɔne;+Efi odiyifo so kosi ɔsɔfo so, wɔn nyinaa bu nkurɔfo fa so.+
13 Nkurɔfo bɛfom wɔn ahonyade, na wɔn afi bɛsɛe pasaa.+ Wobesisi adan, nanso wɔrentena mu;Wɔbɛyeyɛ bobe mfuw,* nanso wɔrennya emu nsã nnom.+