-
Deuteronomium 4:25, 26Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
25 “Sɛ motena asaase no so kyɛ na munya mma ne mmanana, na moyɛ asobrakye kɔyɛ ohoni a wɔasen+ anaa biribi sɛso anaa abusude biara wɔ Yehowa mo Nyankopɔn ani so de hyɛ no abufuw a,+ 26 ɛnde ɛnnɛ merema ɔsoro ne asaase ayɛ m’adansefo, na munhu sɛ ɛrenni da bi na mo ase ahyew afi asaase a moretwa Yordan akɔfa no so. Na morentena so nkyɛ, efisɛ wɔbɛtɔre mo ase koraa.+
-