2 “Nea Yehowa aka akyerɛ me ni, ‘Yeyɛ kɔndua ne nhama a wɔde suso mu, na fa gu wo kɔn ho. 3 Afei fa ma asomafo a wɔaba Yuda hene Sedekia nkyɛn wɔ Yerusalem no na wɔmfa nkɔma Edom+ hene ne Moab+ hene ne Ammonfo+ hene ne Tiro+ hene ne Sidon+ hene.
29 “‘Ɛhɔ na Edom+ ne n’ahemfo ne n’abirɛmpɔn nyinaa wɔ. Wɔn tumi nyinaa akyi no, wɔde wɔn kaa wɔn a sekan akunkum wɔn no ho; wɔn nso bɛda momonotofo ne wɔn a wɔrekɔ amoa* mu no nkyɛn.+