-
1 Ahene 6:31-35Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
31 Na pia mu pia kwan no, ɔde nku dua na ɛyɛɛ n’apon, n’adum a ɛwowɔ nkyɛnkyɛn ne n’apongua, abupɛn anum mu baako.* 32 Ɔde nku dua na ɛyɛɛ n’apon abien no, na ɔyeyɛɛ kerubim, mmedua, ne nhwiren wɔ ho, na ɔde sika kɔkɔɔ faa ho; ɔde hamma boroo sika kɔkɔɔ no guu kerubim ne mmedua no ho. 33 Asɔredan* no kwan no, saa ara na ɔde nku dua yɛɛ n’apongua no, abupɛn anan mu baako.* 34 Ɔde ɔpopaw nnua yɛɛ apon abien. Ɔpon baako bɔ ho abien, na ade hyɛ mu a ɛma wutumi bu to so, na ɔpon a aka no nso bɔ ho abien, na ade hyɛ mu a ɛma wutumi bu to so.+ 35 Ɔyeyɛɛ kerubim, mmedua, ne nhwiren wɔ ho, na ɔde sika kɔkɔɔ faa ho.
-