10 Na Babilon hene kunkum Sedekia mma mmarima wɔ n’anim, na okunkum Yuda mpanyimfo no nyinaa nso wɔ Ribla hɔ. 11 Ɛnna Babilon hene sɛee Sedekia ani maa n’ani furae.+ Afei ɔde kɔbere nkɔnsɔnkɔnsɔn guu no de no kɔɔ Babilon, na ɔde no too afiase kosii da a owui.