Daniel 5:31 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 31 Na wɔde ahenni no maa Mediani Dario.+ Saa bere no, na wadi bɛyɛ mfe 62. Daniel 6:1, 2 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 6 Dario hui sɛ eye sɛ oyi ɔhene asoafo 120 na ɔde wɔn sisi ahenni no nyinaa so.+ 2 Ɔde ahemfi mpanyimfo baasa sisii wɔn so, na na Daniel yɛ baasa no mu baako.+ Baasa no na na ɔhene asoafo no+ bu akontaa kyerɛ wɔn, sɛnea ɛbɛyɛ a ɔhene renhwere ade.
6 Dario hui sɛ eye sɛ oyi ɔhene asoafo 120 na ɔde wɔn sisi ahenni no nyinaa so.+ 2 Ɔde ahemfi mpanyimfo baasa sisii wɔn so, na na Daniel yɛ baasa no mu baako.+ Baasa no na na ɔhene asoafo no+ bu akontaa kyerɛ wɔn, sɛnea ɛbɛyɛ a ɔhene renhwere ade.