47 Na ɔhene ka kyerɛɛ Daniel sɛ: “Ampa ara, mo Nyankopɔn no yɛ anyame mu Nyame ne ahemfo Wura ne nea oyi ahintasɛm adi, efisɛ woatumi ayi saa ahintasɛm yi adi.”+
34 “Saa bere no baa awiei no,+ me, Nebukadnesar, mehwɛɛ ɔsoro, na m’adwene san yɛɛ adwuma; na miyii Ɔsorosoroni no ayɛ, na mekamfoo Nea ɔte ase daa no hyɛɛ no anuonyam, efisɛ ne tumi yɛ tumi a ɛwɔ hɔ daa, na n’ahenni wɔ hɔ awo ntoatoaso nyinaa mu.+