2 Sɛ ɔbarima hyɛ Yehowa bɔ+ anaa ɔka ntam+ de kyekyere ne ho* sɛ ɔbɛtwe ne ho afi nneɛma bi ho a, ɛnsɛ sɛ obu so.+ Nea wahyɛ bɔ sɛ ɔbɛyɛ no, ɛsɛ sɛ ɔyɛ ne nyinaa.+
21 “Sɛ wohyɛ Yehowa wo Nyankopɔn bɔ a,+ ntwentwɛn wo nan ase sɛ wubedi so,+ anyɛ saa a Yehowa wo Nyankopɔn bebisa wo ɔkwan biara so, na ɛbɛdan bɔne ama wo.+