34 Eyi nti, meresoma adiyifo+ ne anyansafo ne akyerɛkyerɛfo+ aba mo nkyɛn. Mubekum wɔn mu binom+ abɔ wɔn asɛndua mu, na mubetwa ebinom mmaa+ wɔ mo hyia adan mu, na mobɛtan wɔn ani+ afi kurow so akɔ kurow so;
9 “Mo de, monhwɛ mo ho yiye. Nkurɔfo de mo bɛkɔ asɛnnibea,+ na me nti, wɔbɛhwe mo wɔ hyia adan mu+ na wɔde mo agyina amrado ne ahemfo anim, na ama moadi wɔn adanse.+
12 “Nanso ansa na eyinom nyinaa bɛba no, nkurɔfo bɛkyere mo, na wɔbɛtan mo ani,+ na wɔde mo bɛkɔ hyia adan mu ne afiase. Na me din nti, wɔde mo bɛkɔ ahemfo ne amradofo anim.+13 Ɛbɛma moadi nkurɔfo adanse.