-
Marko 3:1-6Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
3 Yesu san kɔɔ hyiadan mu, na na onipa bi wɔ hɔ a ne nsa awu.*+ 2 Enti wɔhwɛɛ Yesu komm sɛ ebia ɔbɛsa onipa no yare Homeda no anaa, sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛbɔ no sobo. 3 Ɛnna ɔka kyerɛɛ onipa a ne nsa awu* no sɛ: “Sɔre bra mfinimfini ha.” 4 Afei Yesu bisaa wɔn sɛ: “Ɛdɛn na mmara ma kwan sɛ wɔyɛ no Homeda, adepa anaa adebɔne? Sɛ́ wobegye obi nkwa* anaa wobekum obi?”+ Nanso wɔyɛɛ dinn. 5 Ɛnna ɔde abufuw hwɛɛ wɔn hyiae, na wɔn komaden+ no maa ne werɛ howee paa. Na ɔka kyerɛɛ onipa no sɛ: “Teɛ wo nsa.” Na ɔteɛe, na ne nsa no san yɛɛ yiye. 6 Ɛno nti Farisifo no pue kɔe, na ntɛm ara wɔne Herode akyidifo+ no kɔbɔɔ ne ho pɔw sɛnea ɛbɛyɛ a wobekum no.
-
-
Luka 6:6-11Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
6 Bere a homeda+ foforo dui no, ɔkɔɔ hyiadan mu, na ofii ase kyerɛkyerɛe. Ná onipa bi wɔ hɔ a ne nsa nifa awu.*+ 7 Na akyerɛwfo ne Farisifo no hwɛɛ Yesu komm sɛ ebia ɔbɛsa yare Homeda no anaa, sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛfa kwan bi so abɔ no sobo. 8 Ná Yesu nim wɔn adwene,+ enti ɔka kyerɛɛ onipa a ne nsa awu* no sɛ: “Sɔre gyina mfinimfini hɔ.” Na ɔsɔre gyinaa hɔ. 9 Ɛnna Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Merebisa mo, ɛdɛn na mmara ma kwan sɛ wɔyɛ no Homeda, adepa anaa adebɔne? Sɛ́ wobegye obi nkwa* anaa wobekum obi?”+ 10 Na ɔhwɛɛ wɔn nyinaa hyiae. Ɛnna ɔka kyerɛɛ onipa no sɛ: “Teɛ wo nsa.” Ɔyɛɛ saa, na ne nsa no san yɛɛ yiye. 11 Nanso akyerɛwfo ne Farisifo no bo fuwii denneennen, na wɔkɔbɔɔ pɔw hwɛɛ nea wɔde bɛyɛ Yesu.
-