3 Enti ɔteɛɛ ne nsa kaa no, na ɔkae sɛ: “Mepɛ! Wo ho ntɔ wo.”+ Na amonom hɔ ara ne kwata no kɔe.+ 4 Ɛnna Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Hwɛ na woanka ankyerɛ obiara;+ mmom kɔ na fa wo ho kɔkyerɛ ɔsɔfo no,+ na fa akyɛde a Mose hyɛ too hɔ no ma,+ na ayɛ adanse ama wɔn.”