-
Luka 9:7-9Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
7 Na Herode* a ɔyɛ ɔmantam sodifo* no tee nneɛma a na ɛrekɔ so no nyinaa, na n’adwene tu frae, efisɛ na ebinom rekeka sɛ wɔanyan Yohane afi awufo mu,+ 8 na ebinom nso kae sɛ Elia na aba, ɛnna ebinom nso se tete adiyifo no mu baako na wasɔre.+ 9 Herode kae sɛ: “Matwa Yohane ti.+ Ɛnde hena na meretete ne ho asɛm sɛɛ yi?” Enti, na ɔpɛ sɛ ohu no.+
-