-
Marko 6:53-56Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
53 Bere a wobeduu asaase so no, wɔbaa Genesaret, na wɔtoo ɔkorow no sɛkyɛ* wɔ hɔ baabi.+ 54 Na bere a wosi fii ɔkorow no mu ara pɛ na nkurɔfo huu no. 55 Na wɔde mmirika kyinkyin nkurow no nyinaa mu, na wofii ase de wɔn a wɔyare guu kɛtɛ so de wɔn kɔɔ baabiara a wɔbɛte sɛ ɔwɔ. 56 Na nkurow anaa nkuraa biara a ɔbɛkɔ ase no, nkurɔfo de wɔn a wɔyare no begu gua so, na wɔsrɛ no sɛ ɔmma wɔmfa wɔn nsa nka n’ataade nguguso ano kɛkɛ.+ Na wɔn a wɔde wɔn nsa kae no nyinaa ho tɔɔ wɔn.
-