-
Marko 7:25-30Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
25 Ankyɛ koraa, ɔbea bi a honhom fĩ wɔ ne babea ketewa so tee ne nka, na ɔbɛkotow ne nan ase.+ 26 Ná ɔbea no yɛ Greeceni a wɔwoo no wɔ Foinike a ɛwɔ Siria;* na ɔsrɛɛ no ara sɛ ontu honhommɔne no mfi ne babea no so. 27 Nanso ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Ma mmofra no mmee ansa, na ɛnyɛ papa sɛ wɔbɛfa mmofra paanoo atow ama nkraman mma.”+ 28 Na ɔbea no ka kyerɛɛ no sɛ: “Owura, ɛyɛ ampa, nanso nkraman mma a wɔdeda adidipon ase no di mmofra no paanoo a aporoporow agu fam no bi.” 29 Ɛnna Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Nea woaka yi nti, kɔ; honhommɔne no afi wo babea no so.”+ 30 Enti ofii hɔ kɔɔ ne fi, na okohui sɛ abofra kumaa no da mpa so a honhommɔne no afi no so.+
-