-
2 Ahene 4:42-44Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
42 Ɔbarima bi fi Baal-Salisa+ bae, na ɔde paanoo 20 a wɔde baali*+ aba a edi kan ayɛ brɛɛ nokware Nyankopɔn nipa no, na ɔde baali mono nso kaa ho bae; ná ɛyɛ kotoku baako.+ Ɛnna Elisa kae sɛ: “Fa ma nkurɔfo no ma wonni.” 43 Nanso ne somfo no kae sɛ: “Ɛbɛyɛ dɛn na mede eyi asi mmarima 100 anim?”+ Ɛnna ɔno nso kae sɛ: “Fa ma nkurɔfo no ma wonni, efisɛ Yehowa aka sɛ, ‘Wobedi ama ebi aka.’”+ 44 Ɛnna ɔde sii wɔn anim, na sɛnea Yehowa kae no, wodi maa ebi kae.+
-