-
Luka 3:16, 17Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
16 Yohane buaa wɔn nyinaa sɛ: “Me de, mede nsu na ɛbɔ mo asu, nanso nea ɔwɔ tumi sen me reba; ne mpaboa hama mpo memfata sɛ mesan.+ Ɔno na ɔde honhom kronkron ne ogya bɛbɔ mo asu.+ 17 Ne sofi a ɔde huw hwiit so kura ne nsam, na ɔbɛpra n’awiporowbea hɔ fitafita, na waboaboa ne hwiit ano agu n’adekoradan mu, na ntɛtɛwa no de, ɔde ogya a ennum da bɛhyew.”
-