-
Marko 14:17-21Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
17 Na eduu anwummere no, ɔne Dumien no+ bae. 18 Na bere a wɔtete pon ho redidi no, Yesu kae sɛ: “Nokwarem mereka akyerɛ mo sɛ, mo a mo ne me redidi yi mu baako beyi me ama.”+ 19 Wɔn werɛ fii ase howee, na wobisaa no mmaako mmaako sɛ: “Ɛyɛ me anaa?” 20 Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Ɛyɛ Dumien no mu baako, nea ɔne me to nsa didi ayowa mu no.+ 21 Na onipa Ba no rekɔ sɛnea wɔakyerɛw afa ne ho no, nanso onipa a wɔnam no so beyi onipa Ba no ama no nnue!+ Saa onipa no, sɛ wɔanwo no mpo a anka eye.”+
-