53 Afei wɔde Yesu kɔmaa ɔsɔfo panyin no,+ na asɔfo mpanyin ne mpanyimfo ne akyerɛwfo no nyinaa behyiae.+54 Na Petro dii n’akyi wɔ akyirikyiri koduu ɔsɔfo panyin no adiwo;* na ɔne ofie hɔ asomfo no tenaa ogya ho toe.+
54 Afei wɔkyeree no de no kɔe,+ na wɔde no kɔɔ ɔsɔfo panyin no fi, na na Petro di wɔn akyi wɔ akyiri.+55 Na wɔsɔɔ ogya tenatenaa ho wɔ adiwo no mfinimfini, na na Petro te wɔn mu bi.+